Awieɛ mmerɛ ntoatoasoɔ.

Awieɛ mmerɛ
ntoatoasoɔ.

Wɔn a w'asra wɔn awieɛ mmerɛ no mu.

  Awieɛ mmerɛ ntoatoasoɔ.

Wɔn a w'asra wɔn awieɛ mmerɛ no mu.


William Branham.

Yԑnkↄ w'asԑm...
Wɔn a w'asra wɔn awieɛ mmerɛ no mu.

Mateo 24:23-24,
23 Sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohɔ anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, munnnye nni.
24 Atoro agyenkwanom ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔayɛ anwonwade ahorow na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no mpo.

Mepɛ sɛ wo hwɛ Mateo nwoma ti aduonu-nnan, Yesu de nsɛm no “Kristo,” K-r-i-s-t-o, “Kristo.” ɛnyɛ Kristo, nanso “Akristo,” dodoɔ, ɛnyɛ baako. “Kristo.” ɛno nti, asɛm Kristo no kyerɛ sɛ “deɛ w'asra no” Na afei sɛ “w'asra no a” ɛnyɛ baako pɛ, nanso dodoɔ, deɛ w'asra no, “wɔn a w'asra wɔn.” Hwɛ? Anyɛ saa, sɛ ɔpɛ sɛ ɔbubu no sɛnea yɛbɛte aseɛ yie, ɔka sɛ, “wɔ nna ɛdi akyiri no atorɔ ngosrafoɔ bɛsɔre.” Seisei, na ayɛ sɛ ɛntumi mma mu, hwɛ, nsɛm no “deɛ w'asra no” Nanso hwɛ nsɛm a ɛtoa so no, “ne atorɔ adiyifoɔ, ”a-d-i-y-i-f-o-ɔ, dodoɔ.

Seisei, deɛ w'asra no, yɛ, “ne asɛm no yɛ baako.” Na kwan baako a asɛm no bɛtumi apue no nam deɛ w'asra no no so, na ɛno bɛyɛ odiyifoɔ, deɛ w'asra no. “ Atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre, akyerɛkyerɛfoɔ a w'asra wɔn no.” Odiyifoɔ no kyerɛ sɛnea n'asɛm no teɛ no. Akyerɛkyerɛfoɔ a w'asra no, nanso nkorɔfoɔ a w'asra wɔn no yɛ atorɔ nkyerɛkyerɛ. Wɔn a w'asra wɔn no, “Kristo,” dodoɔ; “adiyifoɔ,” dodoɔ. Na sɛ biribi wɔ hɔ sɛ Kristo a, baako, ɛnneɛ ɛwɔ sɛ ɛyɛ “wɔn a w'asra wɔn no,” sɛ ɔmo nkɔmhyɛ no a ɔkyerɛ nsronsronyeɛ a ɛwɔ mu, ɛfiri sɛ w'asra wɔn, w'asra wɔn.

Seisei, ɛyɛ nkwadaa nkyerɛkyerɛ som, yɛpɛ sɛ yɛde ɛno ankasa ba, nam Twerɛsɛm no so, ɛnyɛ deɛ obi foforɔ ɛka, nanso rekenkan Twerɛsɛm.
Wobɛtumi aka, “ɛbɛyɛ dɛn na wei asi? Na deɛ w'asra no no...”
Na ɔmo yɛ deɛn? “Akristo,” A-k-r-i-s-t-o, deɛ w'asra no. “Akristo, ne atorɔ adiyifoɔ.” Wɔn a w'asra wɔn, nanso atorɔ adiyifoɔ!
Yesu kaa sɛ, sɛ, “nsuo no tɔ gu apapafoɔ ne abɔnefoɔ nyinaa.”
Seisei, obi ka kyerɛ me sɛ, “wogyedi sɛ ngosra a ɛwɔ saa nkorɔfoɔ kyerɛ sɛ homhom kronkron no ngosra no?” Aane, Owura, Onyame homhom kronkron papa no mmra ne so, na mpo ɛnyɛ nokorɛ.
Seisei tie ne din na hwɛ deɛ ɔreka. “Na ɔm o bɛkyerɛ n sɛnkyerɛnne na anwanwadeɛ, sɛnea wɔbɛdaadaa wɔn a w'ayi wɔn no sɛ ɛbɛyɛ yie.” Na ɔmo a wɔde homhom kronkron papa no asra wɔn. Menim sɛ wei ayɛ sɛ nkwaseasɛm, nanso yɛre bɛgye mmerɛ de asɛm no akyerɛkyerɛ mu, ɛnoara, sɛnea Awurade seɛ nie, nokorɛ no.

-----
Mateo 5:45,
45 Na mo ayɛ mo agya ɔwɔ soro no mma: na ɔno na ɔma owia bɔ abɔnefoɔ ne apapafoɔ nyinaa, na ɔma nsuo tɔ gu abɔnefoɔ ne apapfoɔ nyinaa.

Hebrifoɔ 6:7-8,
7 Na, asaase no... nom nsuo na ɛregu so no, de nhaban berɛ wɔn a ɛwɔ wɔn no, regye nhyira firi Onyankopɔn hɔ:
8 Nanso deɛ ɔso nkasɛe no... w'apo nhwiren no, na w'abɛn duabɔ; deɛ na awieɛ ɔbɛhye no no.

-----
Seisei fa toto Mateo ti nnum nkyekyɛmu aduonu-nan no biom. Hwɛ, Yesu kaa sɛ nsuo no ne owia mmra asaase no so, sɛ Onyankopɔn somaa no sɛ ɛmɛsiesie nnuane ne nnoɔma ma nnipa a ɛwɔ asaase so. Na ɔsomaa nsuo maa aduane no, nhaban no. Nanso aburo no, nfuɛe, wɔ afuo no mu, gye ɛnoara. Saa nsuo korɔ noara ɛma ayuo no nyini noara na ɛma mfueɛ no nso nyini.

-----
Seisei, ɛno nti, nsuo a ɛretɔ asaase nfudeɛ no so no, yɛ homhom nsuo a ɛma daa nkwa, firi asɔre ne so regu fam, na yɛfrɛ no nsuo dada no ne deɛ ɛbɛtɔ akyire no. Na ɛyɛ nsuo, ɛfiri Onyankopɔn homhom mu na ɛregu fam, n'asɔre so.

Hwɛ, ɛyɛ biribi huhuuhu wɔ ha. Hwɛ? Berɛ a wɔn aba no kɔɔ fam no, nanso ɔmo kɔɔ hɔ, na ɔmo yɛ nkasɛe no hyɛɛ aseɛ. Nanso na ayuo kɔɔ fam, ne nhaban no, na nhaban no hyɛɛ aseɛ. Na ahaban biara wo sɛso, dabiara, kyerɛɛ sɛ ɛyɛ papa firi mfitiaseɛ.
“Na ɔmo bɛdaadaa wɔn a w'ayi wɔn no,” 'ɛfiri sɛ ɔmo nya nsuo korɔ noara, nhyira korɔ noara, kyerɛɛ nsɛnkyerɛnne korɔ noara, anwanwadeɛ korɔ noara. Hwɛ? “ɛbɛtumi aba sɛ, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.” Seisei, nkasɛe biara ntumi nyɛ hwee sɛ ɛbɛyɛ nkasɛe, na ayuo nso ntumi nyɛ hwee ka ayuo ho; ɛyɛ deɛ ɔbɔadeɛ hyehyɛeɛ firi mfitiaseɛ. Wɔn a w'ayi wɔn no. Nsuo korɔ noara!

-----
Seisei awia no aba abɛbere yɛn nnuaba no. Seisei, ne nyinaa ntumi ɛmmere mmom. Sɛ ɛkɔ so a, ɛso a, ɛbere saa kɔsi sɛ ɛbɛduru aso baako. Enti saa ara na ɛteɛ, ɛnnɛ, ne asɔre no. ɛfiri aseɛ wɔ ne mmɔfra berɛ mu, sum nna no mu, faako a na ɛhyɛ fam no. Ayini akɔ nyiniɛ mu. Na yɛhunu, pɛpɛɛpɛ, sɛnea Onyankopɔn su teɛ dabaira...
Wontumi nha abɔdeɛ nhyehyɛeɛ. Asɛm no ne no ɛnnɛ. Yɛreto atoaduro no, ɛpo no abɔnten no mu, de atoduro no rebubu na retete no. Worebubu fin no bebree da biara, retɔ mu. Wotwa nnua no agu; mframa bɛfa wo. Boaa nsuo n'ano, ɛbɛbu so. ɛwɔ sɛ wohwehwɛ Onyame akwan no a yɛde yɛ nnoɔma na tena mu. Yɛwɔ akuokuo wɔ a sɔre ne nwuma mu; hwɛ deɛ w'anya! Tena Onyame akwan a ɔde ama wo no mu.

Nanso, w'ahu, “ɔsomaa nsuo, ”san aba asɛm no so, “gu apapafoɔ ne abɔnefoɔ nyinaa so.” Yesu ka kyerɛ wo wɔ ha seiseiara, wɔ Mateo ti aduonu-nan, sɛ ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ awieɛ berɛ no. Seisei, sɛ nsɛnkyerɛnne wei nkoaa na wobɛhu no awieɛ berɛ yi mu a, ɛnneɛ na ɛbɛyɛ nsɔoano no bue no akyi. Hwɛ? ɛyɛ awieɛ berɛ no nsɛnkyerɛnne. ɛbɛyɛ saa, sɛ saa nnoɔma yi bɛsi a, ɛbɛyɛ awieɛ berɛ no. Na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne, seisei, sɛnea wɔn a w'ayi wɔn no adwene nyɛ wɔn ntata. W'ahu? Afei, ɛwɔ sɛ wɔda n'adi, w'ayi apue.

Hwɛ, ayou no ne mfuɛe no nyinaa te saa osoro ngosra noara. Ne mmienu nyinaa ani bɛgye ho. Mekae wei, mekɔ m'akyi kɔhwɛ saa tebea no ɛwɔ soro hɔ saa da no wɔ Green Mill hɔ. Mehu anisoadehunu no sɛ ɛba soro. Na asaase kɛseɛ bi hɔ, na na ne nyinaa asɛe. Na ogufoɔ bi kɔɔeɛ, kane. Mepɛ sɛ mede sie w'anim. Hwɛ deɛ ɛkɔ kane, na di akyire. Na sɛ saa barima a ɔwɔ fufuo no ba asaase so no, regu aba, ɛnneɛ ɔbarima bi n'akyi, ntaadeɛ tumtum hyɛ no, tesɛ owifoɔ, redwane wɔ n'akyi, redua mfuɛe. Na sɛnea y'afa saa beaɛ yi, ɛna mehunu sɛ mfudeɛ no nyinaa renyini. Na sɛ enyini a, baako yɛ ayuo na baako nso yɛ mfueɛ.

Na ɔpɛ siiɛ, saa berɛ no, te sɛ, wɔn mmienu nyinaa asi wɔn ti ase resu apɛ nsuo. Afei munumkum kɛseɛ bi tɔɔ asaase so, na nsuo tɔɔeɛ. Na ayuo no sɔreɛ na ɔkaa sɛ, “Ayeyie nka Awurade! Ayeyie nka Awurade!” Na mfuɛe no sɔreeɛ teaa mu sɛ, “Ayeyie nka Awurade! Ayeyie nka Awurade!” Awieyɛ baako noara. Wɔn mmienu nyinaa resɛe, wɔn mmienu nyinaa rekɔ. Na afei ayuo no baa soro na nsukɔm dee no. Na ɛfiri sɛ na ɛyɛ afuo baako mu, turom baako mu, beaɛ baako, baabi baako, ayuo sɔreeɛ na mfuɛe no nso sɔreeɛ pɛpɛɛpɛ. Hwɛ, saa ngosra noara na guu ayuo ne so nsuo, ɛnoara na ɛmaa mfuɛe no baaeɛ.

Saa homhom noara na ɛsra asɔre no, ɛnoara na ɛma wɔn akomasoadeɛ sɛ wɔnnye nnipa nkwa, na ɛma wɔn tumi de yɛ anwanwadeɛ, ɛtɔ apapafoɔ n e a bɔnefoɔ nyinaa so. Saa homhom noara! Seisei, wontumi nyɛ kwan foforɔ biara na wonte Mateo nwoma ti aduonu-nan nkyekyɛmu aduonu-nan ase. ɔkaa sɛ, “atorɔ Kristo bɛsɔre, ”atorɔ, ngosrafoɔ. Wɔn a wɔde biribi papa asra wɔn, nanso w'ayɛ ho atorɔ adiyifoɔ, atorɔ nkyerɛkyerɛfoɔ wɔ ho.
Deɛn na ɛbɛma onipa adi atorɔ kyerɛkyerɛni wɔ biribi a ɛyɛ nokorɛ ho? Seisei yɛbɛkɔ fam hɔ aboa no ahyɛnsodeɛ no wɔ sima kakraa bi, na w'ahu ne kuo a ɔfiri mu. Hwɛ? Atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ; atorɔ, deɛ w'asra no. Kristo a w'asra no, nanso atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ. ɛno nkoaa ne kwan a wobɛhunu.

-----
Hwɛ, nanso ɛyɛ deɛ wɔde ba no na ɛkyerɛ nsronsroyɛ no. “Nam wɔn aba so” Yesu kaa sɛ, “mobɛhu wɔn.” “Barima no mboaboa nnuaba no mfiri duabaa no so,” mpo sɛ duabaa no yɛ wɔ dua no mu. ɛbɛtumi asi, nanso aduaba no bɛka. Aduaba no yɛ deɛn? Asɛm no, ma aduaba no berɛ. Saa na ɛteɛ, wɔn nkyerɛkyerɛ. Nkyerɛkyerɛ no yɛ deɛn? Berɛ no nkyerɛkyerɛ, berɛ bɛn nie. Barima no nkyerɛkyerɛ no, asɔrekuo no nkyerɛkyerɛ, nanso, anaa Onyankopɔn asɛm ma saa berɛ no? Seisei, berɛ no kɔ ntɛm paa, sɛ yɛbɛsom mmerɛ tenten. Nanso megyedi sɛ wo wɔ ha, na megyedi sɛ wotwam wɔ ɔman no mu, tumi hunu deɛ mepɛ sɛ meka kyerɛ wo, na yɛnni mmerɛ bebree a yɛbɛtena so.

Nanso wo bɛtumi ahu sɛ ngosra bɛgu nnipa mmɔnefoɔ no so, atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ no, na ama w'ayɛ saa pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛ wɔn sɛ ɛmma wɔn yɛ saa, nanso ɔmo bɛyɛ, saa ara. Adɛn? ɔmo ntumi mmoa. ɛyɛ dɛn na aduabaa bɛyɛ biribi ka sɛ ɛbɛyɛ aduabaa ho? ɛnfa ho nsuo papa a ɛbɛgu so, ɛbɛso duabaa. ɛno nti na Yesu kaa sɛ, “wɔbɛdaadaa wɔn a w'ayi wɔn no,” ɛne ntini no, “sɛ ɛbɛyɛ yie a,” nanso ɛntumi nyɛ yie. Ayuo ntumin nyɛ hwee sɛ ɛbɛso ayuo; ɛnoara na ɛbɛso.

Yԑnkↄ w'asԑm...
Wɔn a w'asra wɔn awieɛ mmerɛ no mu.


English Newsletter Site.

Onyankopɔn ne
nyansahu.
Fam tutu ho adesua.

Ohwimberԑ No.

Asɛmpa. Yesu wui
maa wo bɔne.

Nsuo mu Asubɔ.

 

Mununkum a
ɛboro abɔde so.

Ogya odum.

 

Acts of the Prophet.

 (English)

The Seven Seals.

 (English)

Awieɛ mmerɛ
ntoatoasoɔ.

Noa Adaka no.

 

Fam tutu ho adesua.
Sodom ne Gomora.

  Kyerɛwsɛm no ka sɛ....

Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto, na nne dennen fi ɔsoro kae se, “Tumi a wɔde di wiase so mprempren no yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.”

Adiyisԑm 11:15


Klik mfonini bi so na twe mfonini a ne kɛse yɛ pɛ anaa PDF.


Acts of the Prophet

(PDFs English)

Wɔn a w'asra
wɔn awieɛ mmerɛ
no mu.
(PDF English)

William Branham
Life Story.

(PDF English)

How the Angel came
to me.
(PDF English)

As the Eagle
Stireth her nest.

(PDF English)

Chapter 14
- Sabino Canyon

(PDF English)


Asԑm Hub... Paw wo kasa na twe nkrasɛm a wontua hwee fi Onua Branham hɔ.